1. Israɛl Gyefo, yɛn anigye ne wo nkutoo, Wo nkyɛn na yɛsrɛ nhyira fi, Yɛ’adekyee mununkum Ne yɛn anadwo hann, Yɛn Hene yɛn Gyefo y’ade nyinaa!
2. Yɛnim sɛ ɔreba abɛboa ne nnwan ano Ne wɔn akɔ Sion ɔdɔ mu, Ɛdeɛn nti na wosu wɔ ’wu bɔn no mu Na wo kyinnkyin wɔ ɛs’rɛ no so?
3. Yɛ’akyinkyin akyɛ sɛ ahɔho bɔnɛ mu, Asu afrɛ wo wɔ ’serɛ so! Yɛ’atam fo di dɛ B’rɛ a wɔhuu yɛ’ awerɛho, Ɛnkyɛ Israel bɛnya ahotɔ.
4. Nsɛmpa yɛ yɛn a yɛyɛ Sion mma dɛa. ’Sɛn kyerɛne no ada ’di dada, Nsuro yɛdeɛ ɛyɛ Ahemman yɛ yɛn dea. Na nkwagye da berɛ no abɛn.
5. Me Gyefo pa, Ma minhunu w’anim hann no bio; Fa ’dɔ kyekyere me kra werɛ; Ma sɛdeɛ mepe Wo nkyɛn maba no Mfa anidaso mm’rɛ me koma.
6. Ɔhwɛ! Na abɔfoɔ Mpempem di ahurusi, Na adasamma twɛn n’asɛm; Ɔkasa! Na ne nne, Hyɛ mmerɛsanten ma, Na eyi Awurade ayɛ.