1. O, ahomeka anɔpa no! Owia hyerɛn fɛɛfɛ wɔ wim. Nwowa ne nnomaa to nnwom, Nnwom gyegyee wɔ kwae no mu, Wɔ nnua no nwini ase hɔ Josef hwehwɛɛ ɔdɔ Nyame. Wɔ nnua no nwini a se hɔ Josef hwehwɛɛ ɔdɔ Nyame.
2. Ahobr’ase, nkotosrɛ mu Josef bɔɔ ne mpae a edi kan B’rɛ a bɔne tumi hyɛɛ ne so Abasambuohyɛɛ ne kra ma; Ogyinaa pintinn de ne werɛ hyɛɛ ne S’ro Agya no mu. Ogyinaa pintinn de ne w’rɛ hyɛɛ ne Soro Agya no mu.
3. Mpofirim na hann bi puee, Ɛhyerɛn kyɛnawi a hann Na anuonyam hann dum bi Hyerɛn twaa ne ho nyinaa hyiae, Soro nnipa baanu bi puee hɔ, Nyame, Agya ne Ɔba, Soro nnipa baanu bi puee hɔ, Nyame, Soro Agya ne Ɔba.
4. “Josef yei ne me dɔ ba no; Tie no!” Asɛm yi yɛ dɛ yie! Josef nyaa ne mpaebɔ ho mmuae, Na otiee Awurade. Ɛdɛ kɛse hyɛɛ n’akoma ma, Wahu ’Nyame teasefoɔ, Ɛdɛ kɛse hyɛ n’akoma ma, Sɛ wahu Nyame teasefoɔ.