Book cover

Hwɛ, Ɔgyefo Kɛse no Wui

Asɔre ne Mmɔfra Nnwom, 30


1. Hwɛ, Ɔgyefo kɛse no wui, de bɛpataa yɛn bɔne no. Ɔwu yɛɛ mpata maa bɔne, Ɔwu yɛɛ mpata maa bɔne, Ma nnipa anya nkwa ahyɛ n’anuonyam.

2. B’rɛ a ’bɔnefoɔ dii ne ho fɛw, wɔtuee ne nsa, ne nan, ne mfem; wɔde ɛyɛ sii n’atwetwe, wɔde ɛyɛ sii n’atwetwe, Wɔde ɛyɛ sii n’atwetwee, Wɔde nsɔekyɛ hyɛɛ ne ti.

3. B’rɛ a ɔsɛn hɔ rehu amane, Asɛm bɔne amfi n’ano. Dwuma kɛse na ɔbɛdii, Dwuma kɛse na ɔbɛdii, De da n’Agya apɛdeɛ adi.

4. “Agya yi k’ruwa yi firi me so. Nanso wopɛ de a mɛnom. Mayɛ adwuma a wode maa me, Mayɛ adwuma a wode maa me; Gye me honhom bra wo nkyɛn.”

5. Owui, na ɛyɛ hu nti Owia de aniwuo dumui! ’Saase wosoe, abɔde penee Gyee so sɛ “Onyame bi awu!”

6. Ɔte ase. Yɛkoto no Wɔ nsɛnkyerɛnne kronkron yi ho, Akyire yi ahotefoɔ hwehwɛ Sɛ wɔde ayɛyie bɛyɛ ne pɛ.