Book cover

Ɛdeɛn Nyansa ne Ɔdɔ

Asɔre ne Mmɔfra Nnwom, 36


1. Ɛdeɛn nyansa ne ɔdɔ kɛse Na ɛhyɛ soro fie mã Na ɛsomaa Agyenkwa fi soro Bɛhuu yea; fii mogya, na ɔwui!

2. Ne mogya a ɛsom bo no ɔhwie guu kwa; Ɔde ne nkwa maa kwa, Trenee afɔre a ɔ bɔ maa bɔne, De gyee wiase a ɛresɛe no nkwa.

3. Yesu de osetie dii nkonim Nyaa animuonyam abot’re: “Onyame wopɛ, na ɛbɛyɛ hɔ,” Siesiee ne wiase asetena.

4. Ɔno na ɔbɔɔ kwan na ɔdii kan, Na ɔkyerɛ mu akwan nyina a Wɔde kɔ hann ne nkwam’ da a enni awieɛ Faako a Nyame anuonyam hyerɛn.

5. Yekae honam a ɔde bɔɔ afɔre B’rɛ a yɛdi paano a wɔabubu, Yɛdi adanseɛ kruwa no ho bio, Yɛgye Kristo yɛn Ti no di.

6. Nkwagye nhyehyɛeɛ kɛse no Ɛso, ɛyɛ nyam, ɛyɛ ma, Tenenee, ɔdɔ ne ahummɔbɔ Hyia Nyame asomdwoeɛ mu!