1. Agya Nyame, tie yɛn mpaebɔ; Ma w’adom mmra da kronkron yi. Yɛfa nhyira ’sɛn ky’rɛnne no a, Yɛhome yɛn Agyenkwa dɔ mu.
2. Agya ma yɛn adom kronkron; Ma w’animteɛ nhyerɛn yɛn so. Yɛdi paano a yɛabubu no a, Ma wonhyira no nsosɔ yɛn so.
3. Sɛyɛnom nsu kronkron yi a, Ma wo honhom no ntwe mmɛn yɛn Fa bɔne kyɛ o Aw’rade; Hyira yɛn mmɔdenbɔ daa daa.