Book cover

Kokoɔ Frɔmfrɔm bi wɔ Akyiri

Asɔre ne Mmɔfra Nnwom, 46


1. Kokoɔ frɔmfrɔm bi wɔ akyiri, Kuro bi fasu akyi, ’Hɔ na wɔbɔɔ Aw’ra de asɛnnuam’, Owu gyee yɛn nyinaa.

2. Yɛnnim na yɛrentumi nka, Amane a ɔhui, Mmom yɛ gye di sɛ yɛn nti Ohuu amane wɔ hɔ.

3. Obi nni hɔ a ɔdi mu a, Ɔ bɛtumi atua ka. Ne nko na ɔtumi bue s’ro pon De ma sɛ yɛn nhyɛn mu.

4. Ɔdɔ nwanwa a ɔde dɔɔ yɛn! Ɛsɛ sɛ yɛdɔ no, Yɛgye ne nkwagye mogya di, Na yɛ nyɛ n’a dwuma.