Book cover

Yɛ Deɛ Ɛyɛ

Asɔre ne Mmɔfra Nnwom, 66

1. Yɛ deɛ ɛyɛ; na ade re yɛ akye, Hwɛ wo daakye hann ne ahotɔ anim. S’ro abɔfo ayɛ dinn retwerɛ tw’rɛ Deɛ wobɛyɛ biara nti yɛdeɛ ɛyɛ!

Yɛ deɛ ɛyɛ ma deɛ ɛbesi biara nsi. Fa honhom mu ahoɔden ko gye wo ho Fa akokod’ro hwɛ kwan kɔsi adekyee. Nyame bɛkora wo enti yɛ deɛ ɛyɛ.

2. Yɛ deɛ ɛyɛ; mpɔky’rɛ resane agu. A daduafoɔ mpɔkyerɛ nhyerɛn bio; Anidasoɔ bɛma mmpɔky’rɛ mu ayɛ hare. Nok’rɛ bɛkɔ so enti yɛ deɛ ɛyɛ!

Yɛ deɛ ɛyɛ ma deɛ ɛbesi biara nsi. Fa honhom mu ahoɔden ko gye wo ho Fa akokod’ro hwɛ kwan kɔsi adekyee. Nyame bɛkora wo enti yɛ deɛ ɛyɛ.

3. Yɛ deɛ ɛyɛ; nya gyidi ɛnsuro. Pere kɔ kan na nkonimdi no abɛn. Ɔbɛpopa aniwa ɛrete nisuo. Nhyira twɛn wo sɛ wo yɛdeɛ ɛyɛ!