1. Nyame nka wo ho yɛbɛhyiam’ bio Ɔmfa nafo tu nhye wo den; Ka ne nwan ho n’ɔnhwɛ wo so. Nyame nka wo ho yɛbɛhyiam’ bio.
Yɛbɛ hyiam’, Yɛbɛ hyiam’, Yɛbɛ hyiam’, wɔ Yesu nan ase, Yɛbɛ hyiam’ Yɛbɛ hyiam’, Nyame nka wo ho yɛbɛhyiam’ bio.
2. Nyame nka wo ho yɛbɛhyiam’ bio B’rɛ a wiase haw remene wo, Ɔmfa ne nsa nsɔ wo mu. Nyame nka wo ho yɛbɛhyiam’ bio.
Yɛbɛ hyiam’, Yɛbɛ hyiam’, Yɛbɛ hyiam’, wɔ Yesu nan ase, Yɛbɛ hyiam’ Yɛbɛ hyiam’, Nyame nka wo ho yɛbɛhyiam’ bio.
3. Nyame nka wo ho yɛbɛhyiam’ bio; Ɔmfa ’dɔ frankaa nni w’anim; Nyi owuo ho hu mfi wo mu. Nyame nka wo ho yɛbɛhyiam’ bio.