1. Ɛrennyɛ bepɔ tenten no so Anaa po a hum no so. Ɛrennyɛ wɔ ɛko ano Na m’Aw’rade behia me. Na sɛ ɔde nne ketewa frɛ me Sɛ menkɔ kwan a mennim so a Mɛbua sɛ Aw’rade me nsa hyɛ wo nsam’: Mɛkɔ deɛ wo pɛ sɛ mekɔ.
Mɛkɔ deɛ wo pɛ sɛ me kɔ, Aw’rade Wɔ bepɔ, tata’ anaa po so; Mɛka deɛ wopɛ sɛ me ka, Awurade; Mɛyɔ deɛ wo pɛ sɛ meyɔ.
2. Ebia ɛnnɛ ɔdɔ nsɛm bi wɔ hɔ a, Yesu pɛ sɛ meka; Sesɛɛ obi nam bɔne kwan so a, Ɛsɛ sɛ me hwehwɛ no. Agyenkwa ka meho ɛwom sɛ Ɔ- kwan no m’ yɛ hu sɛ mɛfa so, Mɛsan aka wo n’sɛmpa no akyerɛ: Mɛka deɛ wo pɛ sɛ meka.
Mɛkɔ deɛ wo pɛ sɛ me kɔ, Aw’rade Wɔ bepɔ, tata’ anaa po so; Mɛka deɛ wopɛ sɛ me ka, Awurade; Mɛyɔ deɛ wo pɛ sɛ meyɔ.
3. Bea’ bi wɔ hɔ a, ɛda fam yie Wɔ asaase so a ɛtrɛ a, Mede me nna tiaa bɛyɛ so adwuma Ama Yesu a Wɔsɛn no. Mede m’adeɛ nyinaahyɛ wo nsa Na menim sɛ wodɔ me, Mede koma pa bɛyɛ w’apɛdeɛ: Mɛyɔ deɛ wo pɛ sɛ meyɔ
Mɛkɔ deɛ wo pɛ sɛ me kɔ, Aw’rade Wɔ bepɔ, tata’ anaa po so; Mɛka deɛ wopɛ sɛ me ka, Awurade; Mɛyɔ deɛ wo pɛ sɛ meyɔ.