1. Aw’rade Kristo asɔre nnɛ, Alleluya! Nnipa ne abɔfo ka sɛ, Alleluya! Mommaanigye nne so, Alleluya! Soro nto dwom na asaase nnye so, Alleluya!
2. Wɔawie ɔdɔ’gye adwuma no, Alleluya! Wako ’ko no, adi nkonim, Alleluya! Yesu amanehun’ to atwa, Alleluya! Esum nkata asase so bio, Alleluya!
3. Ɔte ase yɛ’anuonyam Hene, Alleluya! O wuo wo nwowɔe wɔ he? Alleluya! Owu de gyee akra nkwa, Alleluya! Asaman nkonim wɔ he? Alleluya!