1. Wasɔre! Wasɔre! Fa ’nigye bɔ no daw’ro. Wafi ne nansa afi ase; Ma nnipa nyinaa nii dɛ. Nnipa annya, fa’hodie. Kristo adi owu so nim.
2. Fa anigye to nnwom kronkron no; To y’Aw’rade nkonim nnwom. Omununkum bi rebrɛ ase Anuonyam anɔpa ’wia no, Rehyerɛn wɔ apueɛ, De ky’rɛ Easter ’senky’rɛnne.
3. Wasɔre! Wasɔre! Wabue ɔsoro pon. Yɛrenkɔ bɔne afiase, Yɛakɔ kuro kronkron mu. Easter hann hyɛnhyɛn no na. Yɛp’re de yɛani ahu.