1. Meda wo ase Agya pa a wowɔ s’ro, Wɔ wo papayɛ, w’ahummɔbɔ ne wo dɔ. Meda w’ase wɔ fie, nnamfo ne awofo pa Ne nhyira biara a menya no wɔ ha.
2. Boa me ma menyɛ pãpã ne bɔkɔɔ nnɛ, Na mentie deɛ m’agya ne me nã bɛka. Wɔ Yesu dɔfo, ’hobrɛaseni din mu, Mesrɛ wo, hyira na kora me, wo ba.