Book cover

Mommra, Ahotefoɔ

Asɔre ne Mmɔfra Nnwom, 2


1. Mommra, ahotɛfoɔ, Monsuro brɛ; Momfa dɛ ntu mo kwan. Sɛ’a-kwantu no yɛ den ma mo mpo a, Adom bɛyɛ’adekyee. Ɛbɛyɛ koraa sɛ yɛbɛ pere ato yɛ’adwendwen hunu agu; Yɛyɛ yei a ’koma di dɛ— Nɛ nyinaa yɛ! Nɛ nyinaa yɛ!

2. ’Dɛn nti na yɛsu sɛ ɔbra yɛ den? Ɛntɛ saa; nɛ nyinaa yɛ. ’Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛnya ’katua, Sɛ yɛpo ko no a? Hyɛ akotadeɛ; nya ’kokoduro. Yɛn Nyame no; rɛnnya yɛn da; Ɛnkyɛ koraa yɛbɛkasɛ— Nɛ nyinaa yɛ! Nɛ nyinaa yɛ!

3. Yɛbɛhu bea Nyamɛ asiesie ama yɛn, Wɔ akyiriatɔɛ, Bea a yɛ’nsuro na obi renha yɛn; Yɛbɛnya nhyira. Yɛde nnwomto bɛhyɛ ewiemu ma, Ña yɛatonton Nyamɛ yɛn hɛnɛ; Yɛi nyina mu yɛbɛkasɛ— Ne nyinaa yɛ! Ne nyinaa yɛ!

4. Yɛwu ansa a na’kwantu yi to twa a, ’Nigye da! Ne nyinaa yɛ! Yɛfi ɔhaw ne awerɛho mu a; Yɛne’ahotefo atena! Na sɛ wɔde yɛn nkwa kyɛ yɛn bio Ma yɛ hu ’Hotefoɔ, ahomegye, O, yɛde nnwomto bɛka sɛ— Ne nyinaa yɛ! Ne nyinaa yɛ!