1. Mommra, ahotɛfoɔ, Monsuro brɛ;
Momfa dɛ ntu mo kwan.
Sɛ’a-kwantu no yɛ den ma mo mpo a,
Adom bɛyɛ’adekyee.
Ɛbɛyɛ koraa sɛ yɛbɛ pere
ato yɛ’adwendwen hunu agu;
Yɛyɛ yei a ’koma di dɛ—
Nɛ nyinaa yɛ! Nɛ nyinaa yɛ!
2. ’Dɛn nti na yɛsu sɛ ɔbra yɛ den?
Ɛntɛ saa; nɛ nyinaa yɛ.
’Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛnya ’katua,
Sɛ yɛpo ko no a?
Hyɛ akotadeɛ; nya ’kokoduro.
Yɛn Nyame no; rɛnnya yɛn da;
Ɛnkyɛ koraa yɛbɛkasɛ—
Nɛ nyinaa yɛ! Nɛ nyinaa yɛ!
3. Yɛbɛhu bea Nyamɛ asiesie ama yɛn,
Wɔ akyiriatɔɛ,
Bea a yɛ’nsuro na obi renha yɛn;
Yɛbɛnya nhyira.
Yɛde nnwomto bɛhyɛ ewiemu ma,
Ña yɛatonton Nyamɛ yɛn hɛnɛ;
Yɛi nyina mu yɛbɛkasɛ—
Ne nyinaa yɛ! Ne nyinaa yɛ!
4. Yɛwu ansa a na’kwantu yi to twa a,
’Nigye da! Ne nyinaa yɛ!
Yɛfi ɔhaw ne awerɛho mu a;
Yɛne’ahotefo atena!
Na sɛ wɔde yɛn nkwa kyɛ yɛn bio
Ma yɛ hu ’Hotefoɔ, ahomegye,
O, yɛde nnwomto bɛka sɛ—
Ne nyinaa yɛ! Ne nyinaa yɛ!
≤mu ns≥m: William Clayton, 1814–1879
Nnwom: Enyiresifo± nnwomkor± bi