1. Sɛ ɔbra ahum ne wo di a kɔneaba a, W’aba mu bu dwen sɛ w’ahwere ade nyina a, Kan wo nhyira bobɔ din mfuamfua, Na deɛ Nyame ayɛ bɛyɛ wo nwanwa.
Kan wo nhyi ra; Bobɔ din mfuamfua. Kan wo nhyira; Hwɛ deɛ Nyame ayɔ. Kan wo nhyira dodoɔ; bobɔ din mfua mfua. Kan wo nhyira dodoɔ; Hwɛ deɛ Nyame ayɔ.
2. So ade soa kɛse bi da wo so ana a? Asɛndua a ɛso wo no yɛ du’ anaa? Kan wo nhyira dodoɔ w’a kyinnye bɛkɔ, Na wobɛto nnwom daa nyinaa.
Kan wo nhyi ra; Bobɔ din mfuamfua. Kan wo nhyira; Hwɛ deɛ Nyame ayɔ. Kan wo nhyira dodoɔ; bobɔ din mfua mfua. Kan wo nhyira dodoɔ; Hwɛ deɛ Nyame ayɔ.
3. Sɛ wo-hwɛ ebinom nsase ne sika a, Kae sɛ Kristo ahyɛ wo ahonya ho bɔ. Kan wo nhyira dodoɔ; sika ntumi ntɔ W’akatua ne wo fie wɔ soro.
Kan wo nhyi ra; Bobɔ din mfuamfua. Kan wo nhyira; Hwɛ deɛ Nyame ayɔ. Kan wo nhyira dodoɔ; bobɔ din mfua mfua. Kan wo nhyira dodoɔ; Hwɛ deɛ Nyame ayɔ.
4. Sɛ ɔbra mu ko no so anaa esua a, Mma w’aba mu mmu; Nyame di ade nyina so. Kan wo nhyira dodoɔ; abɔfo bɛboa, Akyekye wo wereakɔsi awieɛ.