1. Sɛ ɔbra ahum ne wo di a kɔneaba a,
W’aba mu bu dwen sɛ w’ahwere ade nyina a,
Kan wo nhyira bobɔ din mfuamfua,
Na deɛ Nyame ayɛ bɛyɛ wo nwanwa.
Kan wo nhyi ra;
Bobɔ din mfuamfua.
Kan wo nhyira;
Hwɛ deɛ Nyame ayɔ.
Kan wo nhyira dodoɔ;
bobɔ din mfua mfua.
Kan wo nhyira dodoɔ;
Hwɛ deɛ Nyame ayɔ.
2. So ade soa kɛse bi da wo so ana a?
Asɛndua a ɛso wo no yɛ du’ anaa?
Kan wo nhyira dodoɔ w’a kyinnye bɛkɔ,
Na wobɛto nnwom daa nyinaa.
Kan wo nhyi ra;
Bobɔ din mfuamfua.
Kan wo nhyira;
Hwɛ deɛ Nyame ayɔ.
Kan wo nhyira dodoɔ;
bobɔ din mfua mfua.
Kan wo nhyira dodoɔ;
Hwɛ deɛ Nyame ayɔ.
3. Sɛ wo-hwɛ ebinom nsase ne sika a,
Kae sɛ Kristo ahyɛ wo ahonya ho bɔ.
Kan wo nhyira dodoɔ; sika ntumi ntɔ
W’akatua ne wo fie wɔ soro.
Kan wo nhyi ra;
Bobɔ din mfuamfua.
Kan wo nhyira;
Hwɛ deɛ Nyame ayɔ.
Kan wo nhyira dodoɔ;
bobɔ din mfua mfua.
Kan wo nhyira dodoɔ;
Hwɛ deɛ Nyame ayɔ.
4. Sɛ ɔbra mu ko no so anaa esua a,
Mma w’aba mu mmu; Nyame di ade nyina so.
Kan wo nhyira dodoɔ; abɔfo bɛboa,
Akyekye wo wereakɔsi awieɛ.
Kan wo nhyi ra;
Bobɔ din mfuamfua.
Kan wo nhyira;
Hwɛ deɛ Nyame ayɔ.
Kan wo nhyira dodoɔ;
bobɔ din mfua mfua.
Kan wo nhyira dodoɔ;
Hwɛ deɛ Nyame ayɔ.
Ɛmu nsɛm: Johnson Oatman Jr., 1856–1922
Nnwom: Edwin O. Excell, 1851–1921