Book cover

Momma Yɛnkɔ So

Asɔre ne Mmɔfra Nnwom, 18


0:00 0:00
Introduction
All Verses

1. Momma yɛnkɔ so nyɛ Awurade adwuma,Na ama abrabɔ awieɛ yɛanya ho akatua;Momma yɛntwe nkrantɛ wɔ tenenee ko ho,Nokorɛ tumi nkran tɛ ho.

Mons’ro, atamfoɔ atwetwesie;Hyɛ den, Awurade wɔ yɛ’afa.Yɛ’ntie deɛ amumɔyɛfoɔ no bɛka Aw’ranko na yɛbetie.

2. Wɔde yɛnto atamfo a yɛhu wɔn dodoɔ ho a,Yɛsua koraa nso yɛrensan yɛn akyi da;Ɛmmom tumi a yɛnhu bɛboa me ne wo,Wɔ’ anuonyam nokorɛdi mu.

Mons’ro, atamfoɔ atwetwesie;Hyɛ den, Awurade wɔ yɛ’afa.Yɛ’ntie deɛ amumɔyɛfoɔ no bɛka Aw’ranko na yɛbetie.

3. Sɛ yɛyɔ deɛ ’yɛ a ɛnsɛ sɛ yɛ suro,Na Awurade yɛn boafoɔ no bɛbɛn yɛn daa;Ɔbɛhyɛ ahotefoɔ den wɔ nsɔhwɛ b’rɛ mu,Ɔbɛma nokorɛ adi mu.

Mons’ro, atamfoɔ atwetwesie;Hyɛ den, Awurade wɔ yɛ’afa.Yɛ’ntie deɛ amumɔyɛfoɔ no bɛka Aw’ranko na yɛbetie.