1. Momma yɛnkɔ so nyɛ Awurade adwuma,
Na ama abrabɔ awieɛ yɛanya ho akatua;
Momma yɛntwe nkrantɛ wɔ tenenee ko ho,
Nokorɛ tumi nkran tɛ ho.
Mons’ro, atamfoɔ atwetwesie;
Hyɛ den, Awurade wɔ yɛ’afa.
Yɛ’ntie deɛ amumɔyɛfoɔ no bɛka Aw’ra
nko na yɛbetie.
2. Wɔde yɛnto atamfo a yɛhu wɔn dodoɔ ho a,
Yɛsua koraa nso yɛrensan yɛn akyi da;
Ɛmmom tumi a yɛnhu bɛboa me ne wo,
Wɔ’ anuonyam nokorɛdi mu.
Mons’ro, atamfoɔ atwetwesie;
Hyɛ den, Awurade wɔ yɛ’afa.
Yɛ’ntie deɛ amumɔyɛfoɔ no bɛka Aw’ra
nko na yɛbetie.
3. Sɛ yɛyɔ deɛ ’yɛ a ɛnsɛ sɛ yɛ suro,
Na Awurade yɛn boafoɔ no bɛbɛn yɛn daa;
Ɔbɛhyɛ ahotefoɔ den wɔ nsɔhwɛ b’rɛ mu,
Ɔbɛma nokorɛ adi mu.
Mons’ro, atamfoɔ atwetwesie;
Hyɛ den, Awurade wɔ yɛ’afa.
Yɛ’ntie deɛ amumɔyɛfoɔ no bɛka Aw’ra
nko na yɛbetie.