1. O m’Agya a wote anuo- nyam bea a, ɛwɔ soro, B’rɛ bɛn na mɛba wo nkyɛn na Mabɛhu w’a nim bio? Wɔ wo tenabea kronkron no mu Anaame honhom ne wo tenae? Memmɔfra b’rɛ mu tete no, Wɔtetee me wonkyɛn anaa?
2. Nyansa ne anuonyam botae ntil Na wo de me baa fam ha Na wo maa me w’rɛ f’rii me nkanee no Nnamfo ne m’awoɔ berɛ mu; Nanso mpɛn pii ’nne bi tae ka m’asom, “Woyɛ ɔhɔhoɔ wɔ ha,” Mete nka sɛ makyin kyini Afi beaeɛ a, ɛkorɔnn.
3. Masua sɛ mɛfrɛ wo Agya, Afi wo s’ro honhom no mu, Sɛ w’amfa nimdeɛ safoa no Ansan amma a, anka mennim. S’ro hɔ awofoɔ yɛ mmaako mmaako? Dabi, wodwen ho a ntea seɛ nni mu! Nok’rɛ yɛ nteaseɛ; nokorɛ nni awieɛ Ɛky’rɛ sɛ me wɔ ɛna wɔ hɔ.
4. Sɛ mef’ri asetena hun’ yi mu Na me de honam yi to hɔ a, Agya, Ɛna, ma menhyia mo Wɔ moahenni mu ɔsoro? Na sɛ aky’ri’ mewie ade nyinaa a, Mo somaa me sɛ memmɛyɔ, Sɛmeyɔ no yie na ɛsɔ mo ani a Momma me mmra mɛtena mo nkyɛn.