1. Baabiara yɛ fɛɛfɛ Se ɔdɔ wɔ fie a; Anigye wɔ nsɛm nyinaa m’ Sɛ ɔdɔ wɔ fie a. Asomdwoepii wɔ ɛha, De ’dɛ s’re wɔ baabiara. B’rɛ de ’dɔ retwam’ akɔ Sɛ ɔdɔ wɔ fie a. ’Dɔ wɔ fie a, ’Dɔ wɔ fie a, B’rɛ de ’dɔ retwam’ akɔ Sɛ ɔdɔ wɔ fie a.
2. Anigyewɔ ’sese mu Sɛ ɔdɔ wɔ fie a; Ɔtan, aniberɛ nnyɛ a bufuo Sɛ ɔdɔ wɔ fie a; Nhwiren fifi yɛn nan ase; Wiase nyina yɛ turo fɛɛfɛ, Ma abrabɔ wie pɛyɛ Sɛ ɔdɔ wɔ fie a. ’Dɔ wɔ fie a, ’Dɔ wɔ fie a, Ma abra bɔ wie pɛyɛ Sɛ ɔdɔ wɔ fie a.
3. Ɔs’ro wɔ anigye mu Sɛ ɔdɔ wɔ fie a; Ɔdɔ bɛba wiase nyinaa Sɛ ɔdɔ wɔ fie a; Asuwa nnyegyeɛ yɛ dɛ; Wie mu ate ayɛ fɛɛfɛ. Obi wɔ s’ro resere Sɛ ɔdɔ wɔ fie a; ’Dɔ wɔ fie a, ’Dɔ wɔ fie a, Obi wɔ s’ro resere Sɛ ɔdɔ wɔ fie a.