1. Baabiara yɛ fɛɛfɛ
Se ɔdɔ wɔ fie a;
Anigye wɔ nsɛm nyinaa m’
Sɛ ɔdɔ wɔ fie a.
Asomdwoepii wɔ ɛha,
De ’dɛ s’re wɔ baabiara.
B’rɛ de ’dɔ retwam’ akɔ
Sɛ ɔdɔ wɔ fie a.
’Dɔ wɔ fie a, ’Dɔ wɔ fie a,
B’rɛ de ’dɔ retwam’ akɔ
Sɛ ɔdɔ wɔ fie a.
2. Anigyewɔ ’sese mu
Sɛ ɔdɔ wɔ fie a;
Ɔtan, aniberɛ nnyɛ a bufuo
Sɛ ɔdɔ wɔ fie a;
Nhwiren fifi yɛn nan ase;
Wiase nyina yɛ turo fɛɛfɛ,
Ma abrabɔ wie pɛyɛ
Sɛ ɔdɔ wɔ fie a.
’Dɔ wɔ fie a, ’Dɔ wɔ fie a,
Ma abra bɔ wie pɛyɛ
Sɛ ɔdɔ wɔ fie a.
3. Ɔs’ro wɔ anigye mu
Sɛ ɔdɔ wɔ fie a;
Ɔdɔ bɛba wiase nyinaa
Sɛ ɔdɔ wɔ fie a;
Asuwa nnyegyeɛ yɛ dɛ;
Wie mu ate ayɛ fɛɛfɛ.
Obi wɔ s’ro resere
Sɛ ɔdɔ wɔ fie a;
’Dɔ wɔ fie a, ’Dɔ wɔ fie a,
Obi wɔ s’ro resere
Sɛ ɔdɔ wɔ fie a.