1. Yudea asase a, ɛwɔ akyiri, Tete nnwanhwɛfoɔ tee anigye nnwom yi:
Anuonyam, Nka Nyame, Nka Nyame a ɔwɔ soro; Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa; Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa!
2. Nnwomdɛɛdɛ a, ɛde ’dɔ gye nkwa, Ahummɔ bɔ nsɛm a, efiri soro:
Anuonyam, Nka Nyame, Nka Nyame a ɔwɔ soro; Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa; Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa!
3. Aw’rade, yɛne abɔfo bɛdi dɛ; Boa yɛn ma yɛmfa akoma ne nne nto nnwom:
Anuonyam, Nka Nyame, Nka Nyame a ɔwɔ soro; Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa; Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa!
4. Ma mm’rɛ mmra ntɛm a, adasa nyinaa, Bɛbom’ ato saa ayɛyi nnwom yi: