1. Yudea asase a, ɛwɔ akyiri,
Tete nnwanhwɛfoɔ tee anigye nnwom yi:
Anuonyam,
Nka Nyame,
Nka Nyame a ɔwɔ soro;
Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa;
Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa!
2. Nnwomdɛɛdɛ a, ɛde ’dɔ gye nkwa,
Ahummɔ bɔ nsɛm a, efiri soro:
Anuonyam,
Nka Nyame,
Nka Nyame a ɔwɔ soro;
Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa;
Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa!
3. Aw’rade, yɛne abɔfo bɛdi dɛ;
Boa yɛn ma yɛmfa akoma ne nne nto nnwom:
Anuonyam,
Nka Nyame,
Nka Nyame a ɔwɔ soro;
Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa;
Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa!
4. Ma mm’rɛ mmra ntɛm a, adasa nyinaa,
Bɛbom’ ato saa ayɛyi nnwom yi:
Anuonyam,
Nka Nyame,
Nka Nyame a ɔwɔ soro;
Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa;
Asomdwoe, nhy’ra nka nnipa!