Page 112
Meyɛ Onyame Ba
Meyɛ Onyame Ba
1. Meyɛ Onyame ba,
Na ɔde me aba ha,
Wama me fie wɔ asaase so
Ne awofo a, wɔdɔ me.
Di m’anim na ɛne me nnante,
Boa ma menhu kwan.
Ky’rɛme deɛ menyɛ nyinaa
na yɛatena da bi.
2. Meyɛ O nyame ba,
Na m’ahiadeɛ dɔɔso;
Boa ma me nte ne nsɛm ase
Ansa na aka akyi.
Di m’anim na ɛne me nnante,
Boa ma menhu kwan.
Ky’rɛme deɛ menyɛ nyinaa
na yɛatena da bi.
3. Meyɛ O nyame ba,
Nhy’ra wɔ hɔ ma me;
Sɛ medi ne nsɛm no so a
Mɛsan akɔ ne nkyɛn.
Di m’anim na ɛne me nnante,
Boa ma menhu kwan.
Ky’rɛme deɛ menyɛ nyinaa
na yɛatena da bi.
Ɛmu nsɛm: Naomi W. Randall, 1908–2001. © 1957 IRI
Nnwom: Mildred T. Pettit, 1895–1977. © 1957 IRI