Page 24
Dwuma Dɛɛdɛ
Dwuma Dɛɛdɛ
1. Dwuma dɛɛdɛ me Nyame Hen’,Yɛde nnaase yi wo din ayɛ,Yɛkyerɛ wo dɔ anɔpa hann mu,Na yɛaka wo nokorɛ anadwo.
2. Homeda kronkron no yɛ dɛ.Honam mudadwen renha me.O, ma m’akomamu nnyegye,Sɛ Dawid sanku nnwom dɛɛdɛ.
3. Me kra di nim wɔ Aw’rade muHyira nennwuma ne n’asɛm.Sɛdeɛ w’adom nnwuma hyerɛn!W’afotu mu dɔ, ɛyɛ kronkron.
4. Nkonimdi nnwom bɛn na mɛto,Ama wodin nna a enni awiei,Soro anigye muna mɛhuW’anim anigye mmoroso.
5. Kan no bɔne yɛ me tamfo,Ɛrentumi nha me bio.M’ateetee nyina mɛto agu,Satan rensɛe m’asomdwoeɛ bio.
6. Afei mehu, mɛte, mesuaDeɛ mehwehwɛe wɔ asaase so,Mede tumi bɛyɔ adepaDaa nkwa anigye no mu.
Ɛmu nsɛm: Isaac Watts, 1674–1748
Nnwom: John J. McClellan, 1874–1925