1. Dwuma dɛɛdɛ me Nyame Hen’,
Yɛde nnaase yi wo din ayɛ,
Yɛkyerɛ wo dɔ anɔpa hann mu,
Na yɛaka wo nokorɛ anadwo.
2. Homeda kronkron no yɛ dɛ.
Honam mudadwen renha me.
O, ma m’akomamu nnyegye,
Sɛ Dawid sanku nnwom dɛɛdɛ.
3. Me kra di nim wɔ Aw’rade mu
Hyira nennwuma ne n’asɛm.
Sɛdeɛ w’adom nnwuma hyerɛn!
W’afotu mu dɔ, ɛyɛ kronkron.
4. Nkonimdi nnwom bɛn na mɛto,
Ama wodin nna a enni awiei,
Soro anigye muna mɛhu
W’anim anigye mmoroso.
5. Kan no bɔne yɛ me tamfo,
Ɛrentumi nha me bio.
M’ateetee nyina mɛto agu,
Satan rensɛe m’asomdwoeɛ bio.
6. Afei mehu, mɛte, mesua
Deɛ mehwehwɛe wɔ asaase so,
Mede tumi bɛyɔ adepa
Daa nkwa anigye no mu.
Ɛmu nsɛm: Isaac Watts, 1674–1748
Nnwom: John J. McClellan, 1874–1925