Page 38
Wɔwoo Yesu, Ahobrɛase’ Mu
Wɔwoo Yesu, Ahobrɛase’ Mu
1. Wɔwoo, Yesu ahobrɛ ase’ mu
Seesei waba ’nuonyam mu.
B’rɛ bi ɔhuu’amane ne yea;
Na wayɛ asaase so hen’.
Na w’a yɛ asaase so hene.
2. Na ɔyɛ adwamma a ɔdwoɔ,
Seesei ɔyɛ ’wura Tumfoɔ.
B’rɛ a ɔsɛn asɛnnua so no;
Ne teaseɛnam yɛ mununkum.
Ne teaseɛnam yɛ mununkum.
3. B’rɛ a ɔsui na ɔsii apini;
Seesei waba anuonyam mu.
B’rɛ bi ne nk’rɔfoɔ poo no,
Nnɛ wɔ bɛhu sɛ wɔn Hen’.
Nnɛ wɔbɛ hu sɛ wɔn Hene.
4. B’rɛ a wɔgyaa no, paa n’akyi,
Seesei w’ama n’ahennwa.
B’rɛ a ɔdwoɔ muɔ huuyea,
Ɔre nhu amane bio.
Ɔrenhu amane bio.
Ɛmu nsɛm: Parley P. Pratt, 1807–1857
Nnwom: Giacomo Meyerbeer 1791–1846 na ɔhyehyɛɛ no foforɔ.