1. Ɛyɛ m’ahodw’ri ɔdɔ a Yesu wɔ ma me no.
Mebɔ nyinnyen wɔ adom a ɔde adom me ho.
Mepopoe b’rɛ a mehuu sɛ me nti na wɔsɛn no,
Bɔneyɛfoɔ a me nti ohuu amane naɔwui.
O, ɛyɛ nwanwa sɛ ɔdwen’ me ho mmoroso enti na ɔwu maa me!
O, ɛyɛ nwanwa,
nwanwama me.
2. Ɛyɛ m’ahodw’ri sɛ ɔsiane f’rii n’ahennwa so.
Bɛgyee ɔkra ahomasofo a ɔte sɛ me
Wama ne dɔ kɛse no aso me a me nnsɛ so,
Ne dɔ tumi gye me, san’ ho na ɛbu me bem.
O, ɛyɛ nwanwa sɛ ɔdwen’ me ho mmoroso enti na ɔwu maa me!
O, ɛyɛ nwanwa,
nwanwama me.
3. Me dwen ne nsam’ k’ro ne mogya a ɔhwie de tua ka!
Saa ɔdɔ mmɔb’rohunu yi me werɛ bɛfi da?
Mɛyi n’ayɛ wɔ n’ahummɔborɔ adwa anim,
Kɔsi sɛ mɛkoto ne nan ’se n’ahennwa anim.
O, ɛyɛ nwanwa sɛ ɔdwen’ me ho mmoroso enti na ɔwu maa me!
O, ɛyɛ nwanwa,
nwanwama me.