Page 48
Yɛbɛto Nnwom Akamfo Yesu Din
Yɛbɛto Nnwom Akamfo Yesu Din
1. Yɛbɛto nnwom akamfo Yesu din
Yɛde ayɛyi bɛma
Deɛ ɔhwiee mogya wɔ Calvary koko so
Ɔwui na yɛanya nkwa.
2. Ɔtwaa owuo dame na ho;
Na nkwagye yɛ ne dwom;
Ɔfrɛɛ ɔkra a bɔne akyeky’re no
Sɛ ɔnkɔ ka s’ro dɔm ho.
3. Ɔgye owuo ne asamando safoa
Ɔbɔɔ ɔwɔ no ti;
Ɔmaa afiase pon buebuei,
Damena yii n’awufoɔ.
4. Paano ne nsuo no na ɛkyerɛ
N’a a fɔdeɛ ’ɔbɔ maa bɔne;
Ahotefoɔ monni mfa nyɛ adanseɛ
Sɛ mo bɛkae no daa.
Ɛmu nsɛm: Richard Alldridge, 1815–1896
Nnwom: Joseph Coslett, 1850–1910