1. Nyame, yɛda w’ase wɔ odiyi foɔ a,
Ɔky’rɛ kwan nnaa edi akyire yi’m.
Yɛda w’ase sɛ w’ama yɛn nsɛmpa
Sɛ ɛmmoa na ɛmmue yɛ’adwen mu.
Yɛda w’ase wɔ nhyira biara a
Efi wo nsam ba yɛn so,
Yɛn anigye sɛ yɛbɛsom wo,
Yɛde ɔdɔ bɛdi wo mm’ra so.
2. B’rɛ a ɔhaw mununkum sensɛn yɛn ti so
Na ɛ pɛ sɛ ɛsɛe yɛ’asomdwoee,
Anidaso hye rɛn wɔ yɛa nim, Na
yɛnim sɛ nkwagye da no a bɛn.
Yɛnnye Aw’rade ayamyɛ ho akyinnye.
Yɛasɔ no ahwɛ nna a atwamu
Abɔnefoɔ a wɔkotia Sion
Wɔbɛtwa wɔn’agunna a edi akyire.
3. Yɛbɛto ne mmɔb’rɔhunu ho nnwom.
Yɛbɛ kamfo no awia ne anadwo,
Didɛ wɔ N’anuo nyam nsɛmpa no ho,
Na yɛanya ne nkwa hann no mu hye’.
Na ne daa nkwa anuonyamno mu
Noko rɛ agyidifoɔ bɛkɔ,
Wɔn a wɔpo saa nsɛmpa dɛɛdɛ yi
Renhu sa anigyeɛ yi bi da.
Ɛmu nsɛm: William Fowler, 1830–1865
Nnwom: Caroline Sheridan Norton 1808 kɔsi bɛyɛ 1877 mu