Auto-scroll is most reliable with MIDI (computer-generated) audio.
Practice
Nyame, Yɛda w’ase wɔ Odiyifoɔ a
1. Nyame, yɛda w’ase wɔ odiyi foɔ a,Ɔky’rɛ kwan nnaa edi akyire yi’m.Yɛda w’ase sɛ w’ama yɛn nsɛmpaSɛ ɛmmoa na ɛmmue yɛ’adwen mu.Yɛda w’ase wɔ nhyira biara aEfi wo nsam ba yɛn so,Yɛn anigye sɛ yɛbɛsom wo,Yɛde ɔdɔ bɛdi wo mm’ra so.
2. B’rɛ a ɔhaw mununkum sensɛn yɛn ti soNa ɛ pɛ sɛ ɛsɛe yɛ’asomdwoee,Anidaso hye rɛn wɔ yɛa nim, Nayɛnim sɛ nkwagye da no a bɛn.Yɛnnye Aw’rade ayamyɛ ho akyinnye.Yɛasɔ no ahwɛ nna a atwamuAbɔnefoɔ a wɔkotia SionWɔbɛtwa wɔn’agunna a edi akyire.
3. Yɛbɛto ne mmɔb’rɔhunu ho nnwom.Yɛbɛ kamfo no awia ne anadwo,Didɛ wɔ N’anuo nyam nsɛmpa no ho,Na yɛanya ne nkwa hann no mu hye’.Na ne daa nkwa anuonyamno muNoko rɛ agyidifoɔ bɛkɔ,Wɔn a wɔpo saa nsɛmpa dɛɛdɛ yiRenhu sa anigyeɛ yi bi da.
Ɛmu nsɛm: William Fowler, 1830–1865
Nnwom: Caroline Sheridan Norton 1808 kɔsi bɛyɛ 1877 mu