1. Ayɛyi nka deɛ ɔne Yehowa kasae!
Yesu sraa saa Nkɔmhyɛni no ngo.
Hy’raa no sɛ ɔmmue mm’rɛ a, edi aky’re no ano,
Ahen’ ne aman aman bɛyi n’ayɛ.
Ntonton nka nkɔmhyɛni, waforo kɔ soro!
Atamfo ne amummɔyɛfoɔ ko ayɛ kwa.
Ɔfra Anyame mu redi ma ne nuanom;
Owuo renni ’sabarimma no so bio.
2. Ayɛyi nka ne din ɔwu maa yɛn;
Anuonyam nka nedin kɛse no daadaa!
Ne mogya a, awudifoɔ hwie guu no,
Bɛsrɛ soro b’rɛ asaase yi n’ayɛ.
Ntonton nka nkɔmhyɛni, waforo kɔ soro!
Atamfo ne amummɔyɛfoɔ ko ayɛ kwa.
Ɔfra Anyame mu redi ma ne nuanom;
Owuo renni ’sabarimma no so bio.
3. N’anuonyam yɛ kɛse n’asɔfodie nni awieɛ.
Ɔbɛkura asɔfodie nsafoa no daa.
Ɔde gyidi ne nok’rɛ bɛkɔ n’ahe nni m’,
Wɔasi no hen’ wɔ tete’nkɔmhyɛfoɔ mu.
Ntonton nka nkɔmhyɛni, waforo kɔ soro!
Atamfo ne amummɔyɛfoɔ ko ayɛ kwa.
Ɔfra Anyame mu redi ma ne nuanom;
Owuo renni ’sabarimma no so bio.
4. Afɔrebɔ denhyira firi soro ba;
Asaase bɛtua saa nipa’i mogya ka.
Wiase nsɔre wɔ ntɛnkyea ho.
Adasamma bɛhu “Onua Yosef” bio.
Ntonton nka nkɔmhyɛni, waforo kɔ soro!
Atamfo ne amummɔyɛfoɔ ko ayɛ kwa.
Ɔfra Anyame mu redi ma ne nuanom;
Owuo renni ’sabarimma no so bio.
Ɛmu nsɛm: William W. Phelps, 1792–1872
Nnwom: Scotlandfoɔ nnwomkorɔ