Page 6
Awurade Mma Mommra
Awurade Mma Mommra
1. Awurade mma mommra,
Momma yɛmmɔ mu nto nnwom.
Momma yɛnto dwom dɛɛdɛ
Ma yɛ’ Awurade’ obɛdi hen’
Wɔ asaase so b’rɛ a
ɔbɛpopa yɛn bɔne,
B’rɛ a nnepa ’gyae bɔne yɛ,
Wɔbɛt’ na dɔ ne asomdwoem’.
2. Anigye bɛn n’ɛbɛba
Sɛ yɛhu yɛn Agyenkwa a!
ɔbɛsiane anuonyam mu,
Amumɔyɛ to bɛtwa.
O nnwom bɛn na yɛbɛto
’Ma Agyenkwa yɛn hene!
ɔdɔbɛn na ɔbɔ da ’di
B’rɛ a, yɛn suro bɛtu akɔ!
3. Yɛbɛhyɛ ntade fitaa,
Yɛbɛtena nokorɛ mu.
Yɛbɛto ayeyi nnwom;
Yɛde anigye ateatea mu.
Tɔbɛte asaase ho.
Ade biara ɛxɔ nkwa
Bɛtena ɔdɔ ne asomdwoem’;
Akoma bɛdi ahurusi.
Ɛmu nsɛm: James H. Wallis, 1861–1940
Nnwom: Spainfoɔ dwom a Benjamin Carr (1768–1831) hyehyɛeɛ