1. Fapem a ɛyɛ den Awurade ahotefoɔ,
Wɔato ama mo gyidi wɔ n’asɛm no mu!
Deɛn bio na ɔbɛtumi aka kyɛn deɛ wɔaka,
Mo a mo aba Yesu nkyɛn,mo a moaba Yesu nkyɛn,
Mo a, mo aba Yesu nkyɛn’pɛ hintabea?
2. Deɛ wote biara Yadeɛ anaa apɔmuden,
Ohia mu anaa wɔ ahonya dodoɔ mu,
Wɔ fie, akwantu mu, asaase anaa po so Sɛ
Deɛ wo mmerɛ hia no,sɛdeɛ wo mmerɛ hia no Sɛ
deɛ wo mmerɛ hia saa na ɔde bɛma mo.
3. Nsuro, mewɔmonkyɛn mma mo bo ntutu,
Meyɛ mo Nyamemɛkɔ so aboa mo.
Mɛhyɛ mo den, aboa mo,ama mo agyina,
Me de me teneneebɛma,mede me teneneebɛma
Me de me teneee bɛma me tumi nsa so.
4. Sɛ amanehunu ba wo frɛ mu mpo a,
Awerɛhoɔ ntumi nni wo so da,
Me ne wo bɛtena, ɔhaw no bɛyɛ nhyira,
Mɛmma wo ho ate, mɛmma wo ho ate,
Mɛmma wo ho ate wɔ wo ahohia mu.
5. Sɛ w’akwan nam ogyaframa mu mpo a,
Mɛma wo adom a, ɛbɛboro so.
Ogya no ntumi nhye wo, m’ahyɛ no saa.
Mɛpopa wo mmarato, mɛpopa wo mmarato,
Mɛpopa wo mmarato na wo ho ate.
6. Onyini mu mpo no nnipa nyinaa bɛkyerɛ
Sɛ me dɔ korɔn, ɛwɔ hɔ daa, ɛnsakra;
Sɛ ’dwene kata wɔn ti so nyinaa ara a,
Wɔda so te sɛ nnwammaa, wɔda so te sɛ nnwammaa,
Wɔda so te sɛ nnwammaa wɔ me koko mu.
7. Ɔkra a, wɔanya hintabea wɔ Yesu mu.
Merentumi nnyae no mma n’atamfo da;
Saa ɔkra no, sɛ ne gyidi hinhim mpo a,
Daabi da merentumi, daabi da merentumi,
Daabi da merentumi mpa n’akyi da!
Ɛmu nsɛm: Wɔse ɛyɛ Robert Keen na ɔtwerɛeɛ bɛyɛ 1787 mu. Na Ɛwɔ LDS nnwom nwoma a edi kan no mu, 1835.
Nnwom: Wɔse ɛyɛ J. Ellis na ɔsaeɛ bɛyɛ 1889 mu.