Auto-scroll is most reliable with MIDI (computer-generated) audio.
Practice
Josef Smith Mpaebɔ a Edi Kan
1. O, ahomeka anɔpa no!Owia hyerɛn fɛɛfɛ wɔ wim.Nwowa ne nnomaa to nnwom,Nnwom gyegyee wɔ kwae no mu,Wɔ nnua no nwini ase hɔJosef hwehwɛɛ ɔdɔ Nyame.Wɔ nnua no nwini a se hɔJosef hwehwɛɛ ɔdɔ Nyame.
2. Ahobr’ase, nkotosrɛ muJosef bɔɔ ne mpae a edi kanB’rɛ a bɔne tumi hyɛɛ ne soAbasambuohyɛɛ ne kra ma;Ogyinaa pintinn de ne werɛhyɛɛ ne S’ro Agya no mu.Ogyinaa pintinn de ne w’rɛhyɛɛ ne Soro Agya no mu.
3. Mpofirim na hann bi puee,Ɛhyerɛn kyɛnawi a hannNa anuonyam hann dum biHyerɛn twaa ne ho nyinaa hyiae,Soro nnipa baanu bi puee hɔ,Nyame, Agya ne Ɔba,Soro nnipa baanu bi puee hɔ,Nyame, Soro Agya ne Ɔba.
4. “Josef yei ne me dɔ ba no;Tie no!” Asɛm yi yɛ dɛ yie!Josef nyaa ne mpaebɔ ho mmuae,Na otiee Awurade.Ɛdɛ kɛse hyɛɛ n’akoma ma,Wahu ’Nyame teasefoɔ,Ɛdɛ kɛse hyɛ n’akoma ma,Sɛ wahu Nyame teasefoɔ.
Ɛmu nsɛm: George Manwaring, 1854–1889
Nnwom: Sylvanus Billings Pond, 1792–1871; A.C. Smith hyehyɛɛ no foforɔ, 1840–1909.