Page 46
Kokoɔ Frɔmfrɔm bi wɔ Akyiri
Kokoɔ Frɔmfrɔm bi wɔ Akyiri
1. Kokoɔ frɔmfrɔm bi wɔ akyiri,
Kuro bi fasu akyi,
’Hɔ na wɔbɔɔ Aw’ra de asɛnnuam’,
Owu gyee yɛn nyinaa.
2. Yɛnnim na yɛrentumi nka,
Amane a ɔhui,
Mmom yɛ gye di sɛ yɛn nti
Ohuu amane wɔ hɔ.
3. Obi nni hɔ a ɔdi mu a,
Ɔ bɛtumi atua ka.
Ne nko na ɔtumi bue s’ro pon
De ma sɛ yɛn nhyɛn mu.
4. Ɔdɔ nwanwa a ɔde dɔɔ yɛn!
Ɛsɛ sɛ yɛdɔ no,
Yɛgye ne nkwagye mogya di,
Na yɛ nyɛ n’a dwuma.
Ɛmu nsɛm: Cecil Frances Alexander, 1818–1895
Nnwom: John H. Gower, 1855–1922