1. Nyame honhom te sɛ egya a ɛredɛ!
N’anuonyam edi akyire afi aseɛ reba;
Tete anisoade hun’ ne nhyira reba bio,
Ɔs’ro abɔfo reba abɛsra asaase so.
Yɛne s’ro abɔ foɔ bɛto dwom na yɛateam’,
Hosiana, Hosiana Nyame ne Adwamma!
Wɔmfa anuonyam ma wɔn wɔ soro, soro hɔ
firi nnɛ de kɔsi daapem, Amen ne Amen!
2. Aw’rade abue ahotefoɔ nteaseɛ mu,
Ma wɔn nhumu ne deɛ ɛwɔ hɔ nyinaa.
Nyankopɔn ho nimdeɛ ne tumi aterɛ;
Deɛ ɛkata nnipa ani so rebɔ apete.
Yɛne s’ro abɔ foɔ bɛto dwom na yɛateam’,
Hosiana, Hosiana Nyame ne Adwamma!
Wɔmfa anuonyam ma wɔn wɔ soro, soro hɔ
firi nnɛ de kɔsi daapem, Amen ne Amen!
3. Yɛde honhom mu kommyɛ bɛdi nhyiamu,
Yɛbɛka soro ahemman ho nsɛmpa akyerɛ,
Yɛnam yɛn gyidi so bɛnya Nyankopɔn ho
Adehu’ ne nhyira ne n’anuonyam.
Yɛne s’ro abɔ foɔ bɛto dwom na yɛateam’,
Hosiana, Hosiana Nyame ne Adwamma!
Wɔmfa anuonyam ma wɔn wɔ soro, soro hɔ
firi nnɛ de kɔsi daapem, Amen ne Amen!
4. Nhyira nka da a adwammaa ne gyata bɛbɔm’
Atena faako a abufuo nni wɔn ntam,
Ɔde abot’re bɛbɔ Ephraim wɔ Sion,
Yesu nam gyaframa mu bɛsia nea ba!
Yɛne s’ro abɔ foɔ bɛto dwom na yɛateam’,
Hosiana, Hosiana Nyame ne Adwamma!
Wɔmfa anuonyam ma wɔn wɔ soro, soro hɔ
firi nnɛ de kɔsi daapem, Amen ne Amen!
Ɛmu nsɛm: William Phelps, 1792–1872. Na ɛwɔ LDS nnwom nwoma a, edi kan no mu, 1835. Wɔtoe berɛ a, wɔde Kirtland Temple no rehyɛ Nyame nsa, 1836.
Nnwom: Wɔnnim nea ɔsaeɛ bɛyɛ 1844 mu.