1. Bepɔ tenten no so
Wɔde frankaa ’si so.
Aman nyinaa monhwɛ;
Sɛ ɛrehim kyerɛ.
Wɔ Deseret Asomdwoeɛ man,
Wɔ Sion bepɔ no so na esie.
2. Aw’rade kae bɔhyɛ a
Wahyɛ ato hɔ no
Ɔbɛda nok’rɛ adi
Wɔ Sion bepɔ so!
Aniwanyinaa ’ra Behunu ne hann no
Wiase nyinaa nna edi akyi’.
3. Ɔbɛhwɛ ne mma so,
N’a nuonyam bɛda adi,
Na nnipa fi akyi’
Bɛbɔmu aka sɛ:
Yɛbɛkɔ soro Akɔsom Nyame,
Yɛadi ne noko rɛ so atie n’asɛm.
4. Ɔbɛkyerɛ ne mm’ra a
ɛwɔ sɛ yɛdi so
De nokorɛ, nimdeɛ,
Bɛdi wiase so.
Yɛbɛfa n’akwan so Wɔ mmer nyinaa mu
Yɛne yɛ’ awufoɔ nyinaa bɛnya nkwa.
Ɛmu nsɛm: Joel H. Johnson, 1802–1882
Nnwom: Ebenezer Beesley, 1840–1906