Auto-scroll is most reliable with MIDI (computer-generated) audio.
Practice
Mɛkɔ Deɛ Wopɛ sɛ Mekɔ
1. Ɛrennyɛ bepɔ tenten no soAnaa po a hum no so.Ɛrennyɛ wɔ ɛko anoNa m’Aw’rade behia me.Na sɛ ɔde nne ketewa frɛ meSɛ menkɔ kwan a mennim so aMɛbua sɛ Aw’rade me nsa hyɛ wo nsam’:Mɛkɔ deɛ wo pɛ sɛ mekɔ.
Mɛkɔ deɛ wo pɛ sɛ me kɔ, Aw’radeWɔ bepɔ, tata’ anaa po so;Mɛka deɛ wopɛ sɛ me ka, Awurade;Mɛyɔ deɛ wo pɛ sɛ meyɔ.
2. Ebia ɛnnɛ ɔdɔ nsɛm bi wɔhɔ a, Yesu pɛ sɛ meka;Sesɛɛ obi nam bɔne kwan so a,Ɛsɛ sɛ me hwehwɛ no.Agyenkwa ka meho ɛwom sɛ Ɔ-kwan no m’ yɛ hu sɛ mɛfa so,Mɛsan aka wo n’sɛmpa no akyerɛ:Mɛka deɛ wo pɛ sɛ meka.
Mɛkɔ deɛ wo pɛ sɛ me kɔ, Aw’radeWɔ bepɔ, tata’ anaa po so;Mɛka deɛ wopɛ sɛ me ka, Awurade;Mɛyɔ deɛ wo pɛ sɛ meyɔ.
3. Bea’ bi wɔ hɔ a, ɛda fam yieWɔ asaase so a ɛtrɛ a,Mede me nna tiaa bɛyɛ so adwumaAma Yesu a Wɔsɛn no.Mede m’adeɛ nyinaahyɛ wo nsaNa menim sɛ wodɔ me,Mede koma pa bɛyɛ w’apɛdeɛ:Mɛyɔ deɛ wo pɛ sɛ meyɔ
Mɛkɔ deɛ wo pɛ sɛ me kɔ, Aw’radeWɔ bepɔ, tata’ anaa po so;Mɛka deɛ wopɛ sɛ me ka, Awurade;Mɛyɔ deɛ wo pɛ sɛ meyɔ.