Page 106
Aw’rade Kristo Asɔre Nnɛ
Aw’rade Kristo Asɔre Nnɛ
1. Aw’rade Kristo asɔre nnɛ, Alleluya!
Nnipa ne abɔfo ka sɛ, Alleluya!
Mommaanigye nne so, Alleluya!
Soro nto dwom na asaase nnye so, Alleluya!
2. Wɔawie ɔdɔ’gye adwuma no, Alleluya!
Wako ’ko no, adi nkonim, Alleluya!
Yesu amanehun’ to atwa, Alleluya!
Esum nkata asase so bio, Alleluya!
3. Ɔte ase yɛ’anuonyam Hene, Alleluya!
O wuo wo nwowɔe wɔ he? Alleluya!
Owu de gyee akra nkwa, Alleluya!
Asaman nkonim wɔ he? Alleluya!
Ɛmu nsɛm: Charles Wesley, 1701–1788 Mateo 28:5–6
Nnwom: Obi nnim deɛ ɔtwerɛɛ, Lyra Davidica, 1708